9 Sɛ mosan ba me nkyɛn+ bɛhwɛ di+ me mmara nsɛm+ so a, ɛnde sɛ wɔahwete mo akodu ɔsoro ano mpo a, mɛboa mo ano+ afi hɔ de mo aba+ baabi a mapaw sɛ me din ntena no.’+
11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘“Sɛ mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefo wu ho,+ na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan+ afi ne kwan so na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfi mo akwammɔne so.+ Adɛn koraa nti na morebewuwu yi, Israel fie?”’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.