Atemmufo 13:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Saa bere no na ɔbarima bi wɔ Sora+ a ofi Dan abusuakuw+ mu a ne din de Manoa.+ Ná ne yere yɛ obonin a ɔnwo.+ Atemmufo 13:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Akyiri yi ɔbea no woo ɔbabarima na ɔtoo no din Samson.+ Abofra no nyinii, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+ Atemmufo 15:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na okunkum wɔn dwerɛbee—srɛ da ha na nan da so—na ɛno akyi no ɔkɔtenaa ɔbotan bi tokuru mu wɔ Etam.+ Atemmufo 15:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na obuu Israelfo atɛn mfe aduonu wɔ Filistifo bere so.+ Atemmufo 16:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Na Samson kae sɛ: “Me kra ne Filistifo yi nwu.”+ Afei ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntun ne mu, na ɔdan no dwiriw guu ahene no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa so.+ Enti nnipa a okum wɔn ne wuda dɔɔso sen wɔn a okum wɔn ne nkwa nna mu.+
2 Saa bere no na ɔbarima bi wɔ Sora+ a ofi Dan abusuakuw+ mu a ne din de Manoa.+ Ná ne yere yɛ obonin a ɔnwo.+
24 Akyiri yi ɔbea no woo ɔbabarima na ɔtoo no din Samson.+ Abofra no nyinii, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no.+
8 Na okunkum wɔn dwerɛbee—srɛ da ha na nan da so—na ɛno akyi no ɔkɔtenaa ɔbotan bi tokuru mu wɔ Etam.+
30 Na Samson kae sɛ: “Me kra ne Filistifo yi nwu.”+ Afei ɔde n’ahoɔden nyinaa kuntun ne mu, na ɔdan no dwiriw guu ahene no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa so.+ Enti nnipa a okum wɔn ne wuda dɔɔso sen wɔn a okum wɔn ne nkwa nna mu.+