Genesis 49:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “Dan yɛ Israel mmusua no mu biako, na obebu ne nkurɔfo atɛn.+ Deuteronomium 33:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Nea ɔka faa Dan ho nso ni:+“Dan yɛ gyata ba.+Obehuruw afi Basan.”+ Yosua 19:40 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 40 Ntonto a ɛto so ason+ no bɔɔ Dan+ mma mmusua no.