8 Mɛkɔ akogye wɔn afi Egyptfo nsam,+ na mayi wɔn afi asase no so akɔ asase a eye na ɛtrɛw so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so,+ baabi a Kanaanfo, Hitifo, Amorifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ te.
6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ meyi wɔn afi Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sen asase biara.+