7 “Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duru na wo ho ayɛ den, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so.+ Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+
18 “Midi obiara a ɔte nhoma yi mu nkɔmhyɛ nsɛm no adanse sɛ: Sɛ obi de biribi ka eyinom ho a,+ Onyankopɔn de ɔhaw+ a wɔakyerɛw no nhoma yi mu no bɛka no ho;