Deuteronomium 4:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mommfa biribiara nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so. Yosua 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duru na wo ho ayɛ den, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so.+ Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ Mmebusɛm 30:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Mfa biribiara nka ne nsɛm ho+ na wanka w’anim, na woanyɛ ɔtorofo.+
2 Mommfa biribiara nnka asɛm a merehyɛ mo yi ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ Monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara a mede rema mo yi so.
7 “Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wo bo ayɛ duru na wo ho ayɛ den, na woahwɛ adi mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so.+ Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum+ na woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+