10 Ɛbɛba saa efisɛ wubetie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na woadi ne mmara ne n’ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ mmara nhoma yi mu no so,+ na wode wo koma ne wo kra nyinaa bɛsan aba Yehowa wo Nyankopɔn nkyɛn.+
15 Na Yuda nyinaa ani gyee+ ntam no ho, efisɛ wɔde wɔn koma nyinaa na ɛkaa ntam no. Anigye kɛse na wɔde hwehwɛɛ no, na ɔma wohuu no,+ na Yehowa maa wɔn ahome afã nyinaa hyiae.+