26 Na wɔbaa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa anim wɔ Paran sare so wɔ Kades.+ Na wɔbɛkaa nea wohui kyerɛɛ wɔn ne asafo no nyinaa, na wɔde asase no so aba kyerɛɛ wɔn.
23 Na bere a Yehowa somaa mo fi Kades-Barnea+ sɛ, ‘Monkɔfa asase a mede ama mo!’ no nso, motew Yehowa mo Nyankopɔn so atua,+ na moannye no anni+ na moantie no.+
7 Bere a Yehowa akoa Mose somaa me fi Kades-Barnea sɛ menkɔhwɛ asase no,+ na madi mfe aduanan, na mesan bae de asɛm a ɛwom biara bɛtoo n’anim, nea ɛwɔ me komam biara.+