Numeri 21:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Akyiri yi wɔdan wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Basan.+ Ɛnna Basan hene Og+ boaa ne dɔm ano behyiaa wɔn wɔ Edrei+ sɛ ɔne wɔn rebɛko. Deuteronomium 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no. Kurow biako mpo nni hɔ a yɛannye wɔ wɔn nsam. Yɛfaa nkurow aduosia,+ Argob+ asase nyinaa, Og ahemman a ɛwɔ Basan.+ Deuteronomium 29:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Afei bere a mubeduu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ behyiaa yɛn ne yɛn koe, na yedii wɔn so.+
33 Akyiri yi wɔdan wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ Basan.+ Ɛnna Basan hene Og+ boaa ne dɔm ano behyiaa wɔn wɔ Edrei+ sɛ ɔne wɔn rebɛko.
4 Yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no. Kurow biako mpo nni hɔ a yɛannye wɔ wɔn nsam. Yɛfaa nkurow aduosia,+ Argob+ asase nyinaa, Og ahemman a ɛwɔ Basan.+
7 Afei bere a mubeduu ha no, Hesbon hene Sihon+ ne Basan hene Og+ behyiaa yɛn ne yɛn koe, na yedii wɔn so.+