2 Samuel 7:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Me na mɛyɛ n’agya,+ na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne Adam asefo mmaa bɛteɛ no.+ Mmebusɛm 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 efisɛ nea Yehowa dɔ no na ɔka n’anim,+ sɛnea agya yɛ ne ba a ɔpɛ n’asɛm+ no. 1 Korintofo 11:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Nanso sɛ wobu yɛn atɛn+ a, Yehowa teɛ yɛn so+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmu yɛn fɔ+ nka wiase no ho.+ Hebrifo 12:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 na nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so; nokwarem no, obiara a ogye no sɛ ɔba no, ɔhwe no.”+ Adiyisɛm 3:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “‘Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so.+ Enti yɛ nnam na sakra.+
14 Me na mɛyɛ n’agya,+ na ɔno nso ayɛ me ba.+ Sɛ ɔyɛ bɔne nso a, mede nnipa poma ne Adam asefo mmaa bɛteɛ no.+