Deuteronomium 8:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na wunim wɔ wo komam sɛ Yehowa teɛɛ wo so sɛnea agya teɛ ne ba so.+ Mmebusɛm 23:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,+ me na me koma bedi ahurusi.+ Hebrifo 12:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Nea morefa mu no, ɛyɛ nteɛso+ ntia. Onyankopɔn ne mo redi sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?+ Hebrifo 12:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Bio nso, na yɛwɔ agyanom a wɔyɛ ɔhonam te sɛ yɛn a na wɔtwe yɛn aso,+ na na yebu wɔn. So yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase nkyɛn saa na yɛanya nkwa?+
7 Nea morefa mu no, ɛyɛ nteɛso+ ntia. Onyankopɔn ne mo redi sɛ mma.+ Na ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?+
9 Bio nso, na yɛwɔ agyanom a wɔyɛ ɔhonam te sɛ yɛn a na wɔtwe yɛn aso,+ na na yebu wɔn. So yɛremfa yɛn ho nhyɛ yɛn honhom mu Agya no ase nkyɛn saa na yɛanya nkwa?+