24 Na mokae sɛ: ‘Hwɛ, Yehowa yɛn Nyankopɔn ada n’anuonyam ne ne kɛseyɛ adi akyerɛ yɛn, na yɛate ne nne wɔ ogya mu.+ Ɛnnɛ yɛahu sɛ Onyankopɔn betumi ne onipa akasa ama wakɔ so atena nkwa mu.+
26 Na mepaa Yehowa kyɛw+ sɛ, ‘Awurade Tumfoɔ Yehowa, nsɛe wo man a wɔyɛ w’ankasa w’agyapade+ a wode wo tumi kɛse ne basa a ɛyɛ den+ gyee wɔn fii Egypt+ no.