5 Ɛnyɛ wo trenee+ anaa wo komam a ɛteɛ+ nti na worekɔfa wɔn asase no, mmom aman no amumɔyɛ nti na Yehowa wo Nyankopɔn repam wɔn afi w’anim yi,+ na ama ntam a Yehowa kaa w’agyanom Abraham+ ne Isak+ ne Yakob+ no aba mu.
10 Ɛnna Yosua kae sɛ: “Afei mubehu sɛ Onyankopɔn teasefo bi wɔ mo mu,+ na ɔbɛpam Kanaanfo ne Hitifo ne Hiwifo ne Perisifo ne Girgasifo ne Amorifo ne Yebusifo afi mo anim.+