19 Ntoboa kronkron a Israelfo de bɛbrɛ+ Yehowa nyinaa mede ama wo ne wo mmabarima ne wo mmabea sɛ mo kyɛfa daa.+ Ɛyɛ nkyene apam ma wo ne w’asefo wɔ Yehowa anim daa.”+
6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyew afɔre+ ne mmoa a mubekum wɔn abɔ afɔre foforo ne mo nneɛma nkyem du mu biako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔre,+ ne afɔre a mufi mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwi ne mo nguan mu mmakan+ nyinaa nkɔ.