Dwom 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Me de, w’adɔe+ dodow muNa mɛba wo fie,+Na wo suro mu na mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+ Dwom 19:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa suro+ ho tew, ɛwɔ hɔ daa.Yehowa atemmusɛm+ yɛ nokware;+ ne nyinaa teɛ.+ Dwom 111:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. Yesaia 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Asafo Yehowa, ɔno na mummu no kronkron,+ ɔno na munsuro no,+ ɔno na mo ho mpopo wɔ n’anim.”+ Hebrifo 12:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Enti esiane sɛ yebenya ahenni a wontumi nwosow+ no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yebetumi de asom Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ wɔ onyamesuro ne ahopopo+ mu.
7 Me de, w’adɔe+ dodow muNa mɛba wo fie,+Na wo suro mu na mɛkotow de m’ani akyerɛ w’asɔrefie kronkron no.+
10 Yehowa suro ne nyansa mfiase.+ ש [Sin]Wɔn a wodi n’ahyɛde so nyinaa nya ntease pa.+ ת [Taw]N’ayeyi tim hɔ daa.+
28 Enti esiane sɛ yebenya ahenni a wontumi nwosow+ no nti, momma yɛnkɔ so nnya adom a yebetumi de asom Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ wɔ onyamesuro ne ahopopo+ mu.