Leviticus 25:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 “‘Sɛ ehia wo nua ma ne ho kyere no+ a, boa no.+ Na ma ɔntena wo nkyɛn sɛ ɔhɔho ne otubrafo.+ Dwom 37:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ɔdom nkurɔfo daa, na ɔde fɛm,+Ɛno nti n’asefo benya nhyira.+ Mmebusɛm 19:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ɔdom ɔbrɛfo no de fɛm Yehowa,+ na nea ɔde ama no, Obetua no ka.+ Mateo 5:42 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 42 Nea obisa wo hɔ ade no, ma no, na nnan wo ho mfi nea ɔpɛ sɛ ogye wo hɔ bosea* no ho.+ Luka 6:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo. Galatifo 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nanso na ɛsɛ sɛ yɛkae ahiafo.+ Ade koro no ara na mayere me ho denneennen ayɛ.+
35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momma afoforo bosea+ a mo ani nna so sɛ mubenya biribi akyiri yi; na mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma,+ efisɛ ne yam ye+ ma bonniayɛfo ne abɔnefo.