Leviticus 26:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Mo mu baanum betiw nnipa ɔha, na mo mu ɔha atiw mpem du, na mo atamfo atotɔ nkrante ano wɔ mo anim.+ Atemmufo 3:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfo fii Filistifo+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwi kokunkum mmarima ahansia.+ 1 Samuel 14:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+ 2 Samuel 23:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Dawid nnɔmmarima+ no din ni: Takemoni Yoseb-Basebet+ a ɔyɛ baasa no so panyin. Ɔno na ogyinaa ne nan so de peaw kunkum nnipa ahanwɔtwe da koro.
8 Mo mu baanum betiw nnipa ɔha, na mo mu ɔha atiw mpem du, na mo atamfo atotɔ nkrante ano wɔ mo anim.+
31 N’akyi no, Anat ba Samgar+ nso gyee Israelfo fii Filistifo+ nsam, na ɔde poma a wɔde ka anantwi kokunkum mmarima ahansia.+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfo a okura n’akode no sɛ: “Bra ma yentwa nkɔ momonotofo+ yi awɛmfo dɔm no mu. Ebia Yehowa bedi ama yɛn efisɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so begye nkwa.”+
8 Dawid nnɔmmarima+ no din ni: Takemoni Yoseb-Basebet+ a ɔyɛ baasa no so panyin. Ɔno na ogyinaa ne nan so de peaw kunkum nnipa ahanwɔtwe da koro.