3 Na ne papa ne ne maame bisaa no sɛ: “Woanhu ɔbea biara wɔ wo nuanom ne me nkurɔfo nyinaa mu+ a enti wopɛ sɛ wokɔware ɔbea fi Filistifo momonotofo yi mu?”+ Nanso Samson ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Ɔno ara na m’ani gye ne ho, enti kogye no ma me.”
18 Afei osukɔm dee no, na ɔfrɛɛ Yehowa sɛ: “Ɛyɛ wo na wonam w’akoa so ama ogye kɛse yi nyinaa aba,+ na afei osukɔm nkum me na mentɔ momonotofo yi nsam?”+
4 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ nea okura n’akode+ no sɛ: “Twe wo nkrante+ fa hwirew me mu na momonotofo+ yi ammɛyɛ me aninyanne.”+ Nanso n’akodekurafo no ampɛ sɛ ɔyɛ saa,+ efisɛ na ehu kɛse aka no. Enti Saul faa nkrante no na ɔhwee so.+
26 Egyptfo+ ne Yudafo+ ne Edomfo+ ne Ammonfo+ ne Moabfo+ ne obiara a ɔte sare so a watwitwa ne bogyesɛ no,+ mebu wɔn nyinaa atɛn, efisɛ amanaman nyinaa yɛ momonotofo na Israel fie nyinaa nso yɛ komam momonotofo.”+