2 Samuel
anaa, sɛnea Hela Septuagint kyerɛ no, AHENE NHOMA A ƐTO SO ABIEN
1 Na Saul wu akyi a Dawid afi adi akokunkum Amalekfo+ aba no, Dawid san bɛtenaa Siklag+ nnanu. 2 Na ne nnansa so no, hwɛ! na ɔbarima+ bi fi nsra no mu, Saul nkyɛn, reba a wasuan n’atade mu+ na dɔte gu n’atifi.+ Bere a oduu Dawid nkyɛn no, ɛhɔ ara na ɔbɔɔ ne mu ase kotow fam.+
3 Ɛnna Dawid bisaa no sɛ: “Ɛhe na wufi reba yi?” Na obuae sɛ: “Israel nsra mu na mifi aguan aba yi.” 4 Na Dawid san bisaa no sɛ: “Nneɛma kɔɔ so dɛn? Mesrɛ wo, ka kyerɛ me.” Na ɔkae sɛ: “Ɔman no aguan afi akono hɔ, na wɔn mu pii atotɔ na wɔawuwu;+ Saul+ ne ne ba Yonatan+ nso awuwu.” 5 Ɛnna Dawid bisaa aberante a ɔbɛka kyerɛɛ no no sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na wuhui sɛ Saul ne ne ba Yonatan awuwu ampa?”+ 6 Ɛnna aberante a ɔbɛka kyerɛɛ no no kae sɛ: “Mikopuee Bepɔw Gilboa+ so, na mihui sɛ Saul tweri ne peaw,+ na hwɛ! ná nteaseɛnam sotefo ne apɔnkɔsotefo no ato no awie.+ 7 Bere a otwaa n’ani no, ohuu me, na ɔfrɛɛ me, na migyee so sɛ, ‘Mini!’ 8 Ɛnna obisaa me sɛ, ‘Wone hena?’ Na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Meyɛ Amalekni.’+ 9 Afei ɔkae sɛ, ‘Mesrɛ wo, twiw bɛn me na kum me, efisɛ merehu amane, na me kra+ da so wɔ me mu.’ 10 Enti mitwiw bɛn no kum+ no, efisɛ n’asehwe akyi no, mihui sɛ ɔrentumi ntena nkwa mu bio. Afei mefaa ne ti so ahemmotiri+ ne ne nsa so nkapo sɛ mede rebrɛ me wura wɔ ha.”
11 Ɛnna Dawid soo n’atade mu suanee mu,+ na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yɛɛ saa. 12 Na wotwaa adwo sui,+ na wodii mmuada+ maa Saul ne ne ba Yonatan ne Yehowa man ne Israel fie+ kosii anwummere, nkrante ano a wɔtotɔe nti.
13 Afei Dawid bisaa aberante a ɔbɛka kyerɛɛ no no sɛ: “Wufi he?” Na obuae sɛ: “Meyɛ Amalekni+ ɔhɔho bi a wabɛsoɛ ha ba.” 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na woansuro+ sɛ wobɛteɛ wo nsa asɛe nea Yehowa asra+ no no?” 15 Dawid kaa saa no, ɔfrɛɛ mmerante no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: “Twiw bɛn no na bɔ no.” Enti ɔbɔɔ no hwee hɔ ma owui.+ 16 Afei Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara wo mogya ho afɔdi begu w’atifi+ efisɛ w’ano na adi adanse atia wo+ sɛ, ‘Me ara na mikum nea Yehowa asra no’ no.”+
17 Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan+ ho kwadwom+ yi, 18 na ɔkae sɛ wɔnkyerɛ Yudafo+ “Bɛmma”+ ho kwadwom yi. Hwɛ! wɔakyerɛw wɔ Yasar+ nhoma no mu:
19 “O Israel, w’ahoɔfɛ na atɔ wɔ wo sorɔnsorɔmmea yi.+
Ɛyɛɛ dɛn na mmarima ahoɔdenfo atotɔ yi!
Mommmɔ no dawuru wɔ Askelon+ mmɔnten so,
Na Filistifo mmabea ani annye,
Na momonotofo mmabea anni ahurusi.+
21 Mo, Gilboa mmepɔw,+ mma obosu anaa osu nntɔ nngu mo so, na mma ayɛyɛde kronkron+ mmfifi mo nsase so,
Efisɛ ɛhɔ na woguu ahoɔdenfo kyɛm ho fĩ,
Saul kyɛm no, na wɔannya bi a wɔasra ho ngo.+
23 Saul ne Yonatan,+ nnipa a wɔn ho yɛ ahomeka a wɔdɔ wɔn, wɔn nkwa nna mu,
Owu mu nso, wɔn mu antetew.+
Wɔn ho yɛ hare sen akɔre,+
Wɔn ahoɔden kyɛn agyata.+
24 O Israel mmabea, munsu Saul,
Na ɔno na ɔde ɔtankɔkɔɔ fɛfɛ furaa mo,
Na ɔde sika agude guu mo ntade so.+