Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yosua 2:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Na obiara a obefi fie yi mu akɔ abɔnten no,+ ne mogya begu ne ti so, na yɛrenni fɔ. Na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn wɔ fie ha de, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya bɛba yɛn ti so.

  • Atemmufo 9:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 na ama amumɔyɛsɛm a Abimelek de dii Yerubaal mma aduɔson no adan aba+ ne so na wɔn mogya abegu ne ti so, efisɛ ɔno na okum wɔn.+ Na ebegu Sekem mmarima nso ti so, efisɛ wɔn na wɔhyɛɛ ne nsam den+ ma okum ne nuanom.

  • 2 Samuel 4:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 na sɛ nnipa abɔnefo+ akokum ɔtreneeni wɔ ɔno ara ne fie wɔ ne mpa so a, ɛnde dɛn na mɛyɛ wɔn? Meremmisa ne mogya mfi mo nsam+ anaa, na merenyi mo mfi asase so?”+

  • 1 Ahene 2:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Na ɛda a wubefi adi akotwa Kidron subon+ no, hu sɛ owu na wubewu.+ Mogya ho afɔdi begu wo ara w’atifi.”+

  • Hesekiel 18:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Sɛ ɔbɔ bosea gye apempensika+ ne mfɛntom+ a, ɔrennya nkwa. Esiane sɛ wayɛ akyide yi nyinaa bi nti,+ okum na wobekum no. Ɔno ankasa mogya bebua ne ti so.+

  • Asomafo Nnwuma 18:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Bere a wɔne no dii asi na wɔkasa tiaa no+ no, ɔporoporow n’atade mu+ ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mogya+ ngu mo ara mo atifi. Me de, me ho afi.+ Efi nnɛ merekɔ amanaman mufo nkyɛn.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena