Deuteronomium 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛbɛma moasuro+ Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana+ adi n’ahyɛde ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so mo nkwa nna nyinaa na mo nna aware.+ Dwom 76:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Wo de, wo ho yɛ hu,+Na w’abufuw ano den nti, hena na obetumi agyina w’anim?+ Yeremia 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O amanaman Hene,+ hena na ɔrensuro wo,+ efisɛ wofata. Amanaman no anyansafo nyinaa ne wɔn ahenni nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+ 1 Petro 2:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Munni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom nyinaa,+ munsuro Onyankopɔn,+ munni ɔhene ni.+
2 Ɛbɛma moasuro+ Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana+ adi n’ahyɛde ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so mo nkwa nna nyinaa na mo nna aware.+
7 O amanaman Hene,+ hena na ɔrensuro wo,+ efisɛ wofata. Amanaman no anyansafo nyinaa ne wɔn ahenni nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.+