Numeri 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Mo a wɔkan mo a moadi mfe aduonu rekɔ a munwiinwii tia me+ nyinaa, mo afunu bɛdeda sare yi so.+ Numeri 26:65 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 65 Na Yehowa aka dedaw sɛ: “Wobewuwu wɔ sare so.”+ Enti wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+ Deuteronomium 2:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nna a yɛde nantew fii Kades-Barnea kosii sɛ yetwaa Sered subon no si mfe aduasa awotwe, kosii sɛ saa bere no sofo mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa sae wɔ dɔm no mu, sɛnea Yehowa kaa wɔn ntam no.+ 1 Korintofo 10:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso Onyankopɔn ani ansɔ wɔn+ mu fã kɛse no ara, na wowuwui+ wɔ sare no so. Hebrifo 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Bio nso, henanom na Onyankopɔn buu wɔn akyide mfe aduanan?+ So ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn afunu guguu sare so no?+
65 Na Yehowa aka dedaw sɛ: “Wobewuwu wɔ sare so.”+ Enti wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua.+
14 Nna a yɛde nantew fii Kades-Barnea kosii sɛ yetwaa Sered subon no si mfe aduasa awotwe, kosii sɛ saa bere no sofo mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa sae wɔ dɔm no mu, sɛnea Yehowa kaa wɔn ntam no.+
17 Bio nso, henanom na Onyankopɔn buu wɔn akyide mfe aduanan?+ So ɛnyɛ wɔn a wɔyɛɛ bɔne a wɔn afunu guguu sare so no?+