Deuteronomium
2 “Yɛdan yɛn ho kɔfaa Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ sare so, sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ me no,+ na yɛde nna pii kyinkyinii Bepɔw Seir ho. 2 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 3 ‘Moakyinkyin bepɔw yi ho akyɛ.+ Monnan mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: “Morekɔfa mo nuanom Esau asefo+ a wɔte Seir+ no hye so.+ Sɛ wohu mo a, ehu bɛka wɔn,+ enti monhwɛ mo ho yiye. 5 Monhwɛ na mo ne wɔn anni aperepere, na meremma mo wɔn asase no anammɔn biako mpo, efisɛ mede Bepɔw Seir ama Esau sɛ ɔntena so.+ 6 Aduan a mubedi biara momfa sika ntɔ mfi wɔn hɔ, na nsu a mobɛnom nso momfa sika ntɔ mfi wɔn hɔ.+ 7 Na Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Onim sɛnea moanantew sare kɛse yi so. Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfe aduanan+ yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.”’+ 8 Enti yetwaa yɛn nuanom Esau asefo a wɔte Seir no ho,+ na yetwaa Araba+ ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyae.
“Afei yɛdan yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ sare so kwan so. 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na meremma wo wɔn asase no bi ntena so, efisɛ mede Ar+ ama Lot mma+ sɛ wɔntena so. 10 (Bere bi na Emimfo+ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakimfo+ no na wɔte hɔ. 11 Na Refaimfo+ nso te sɛ Anakimfo+ no, na na Moabfo frɛ wɔn Emimfo. 12 Bere bi na Horifo+ nso te Seir, na Esau+ mma no tuu wɔn tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asase no tenaa so,+ sɛnea Israel nso bɛfa asase a ɛyɛ n’agyapade a Yehowa de bɛma wɔn no.) 13 Afei monsɔre nkotwa Sered subon no.’ Enti yekotwaa Sered subon+ no. 14 Nna a yɛde nantew fii Kades-Barnea kosii sɛ yetwaa Sered subon no si mfe aduasa awotwe, kosii sɛ saa bere no sofo mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa sae wɔ dɔm no mu, sɛnea Yehowa kaa wɔn ntam no.+ 15 Yehowa teɛɛ ne nsa+ wɔ wɔn so na ɔmaa wɔn ho hiahiaa wɔn kosii sɛ saafo no sa fii dɔm no mu.+
16 “Ɛbae sɛ bere a mmarima a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa wuwui ma wɔn ase tɔre fii ɔman no mu no,+ 17 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 18 ‘Ɛnnɛ woretwam afa Moab asase Ar+ so. 19 Na sɛ wobɛn Ammonfo a, nhunahuna wɔn na wo ne wɔn nnni aperepere, na meremma wo Ammonfo asase no bi ntena so, efisɛ mede ama Lot mma sɛ wɔntena so.+ 20 Na ɛyɛ Refaimfo+ asase. (Bere bi na Refaimfo na wɔte so, na na Ammonfo frɛ wɔn Samsumim. 21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakimfo.+ Na Yehowa sɛee+ wɔn fii wɔn anim, enti wotuu wɔn faa wɔn asase no tenaa so. 22 Saa ara na ɔyɛ maa Esau asefo a na wɔte Seir+ no. Ɔsɛee Horifo+ fii wɔn anim na ɔma wotuu wɔn faa wɔn asase no tenaa so de besi nnɛ. 23 Awimfo+ a na wɔte Gasa+ no de, Kaftorimfo+ a wofi Kaftor+ no sɛee wɔn faa wɔn asase tenaa so.)
24 “ ‘Monsɔre nkotwa Arnon+ subon no. Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti mumfi ase mfa n’asase na mo ne no nko. 25 Ɛnnɛ mɛma aman a wɔwɔ ɔsoro ase a wɔbɛte mo nka nyinaa abɔ hu na wɔasuro mo. Na mo nti, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho ahyehye wɔn te sɛ obi a ɔrewo.’+
26 “Afei mituu abɔfo fii Kedemot+ sare so sɛ wɔnkɔka asomdwoesɛm+ nkyerɛ Hesbon hene Sihon+ sɛ, 27 ‘Mesrɛ wo ma mintwam mfa w’asase so. Tempɔn no ara so na mɛfa, na meremman nifa anaa benkum.+ 28 Aduan a wobɛtɔn ama me na medi, na nsu a wobɛtɔn ama me na mɛnom. Nea meresrɛ ara ne baabi a mede me nan betia,+ 29 sɛnea Esau asefo a wɔte Seir+ ne Moabfo+ a wɔte Ar yɛɛ me no, kosi sɛ metwa Yordan akɔ asase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no so.’+ 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asase so, efisɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa osen ne kɔn na opirim ne koma,+ na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛnea ɛte nnɛ yi.+
31 “Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafi ase redan Sihon ne n’asase ama wo, enti kɔfa n’asase no.’+ 32 Bere a Sihon ne ne dɔm behyiaa yɛn ne yɛn fii ase koe wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa,+ na yedii ɔne ne mma ne ne manfo nyinaa so nkonim.+ 34 Na yɛko faa ne nkurow nyinaa sɛee no;+ na yekunkum emu mmarima ne mmea ne mmofra nyinaa. Yɛannyaw onipa biako mpo. 35 Nyɛmmoa ne asade foforo a yenyae wɔ nkurow no mu na yɛfae.+ 36 Efi Aroer+ a ɛwɔ Arnon subon no ho ne kurow a ɛwɔ bon mu kosi Gilead no, na kurow biara nni hɔ a ɛsõ dodo ma yɛn.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37 Nanso Ammonfo+ asase no, Yabok+ subon no ho nyinaa, ne bepɔw no so nkurow, ne baabiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ho mmara mae de, moammɛn hɔ koraa.