Genesis 14:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 ne Horifo+ wɔ wɔn bepɔw Seir+ so, koduu El-Paran+ a ɛwɔ sare so no. Genesis 36:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Eyinom ne Horini Seir mma a wɔyɛ asase no sofo:+ Lotan ne Sobal ne Sibeon ne Anah,+ Deuteronomium 2:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Bere bi na Horifo+ nso te Seir, na Esau+ mma no tuu wɔn tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asase no tenaa so,+ sɛnea Israel nso bɛfa asase a ɛyɛ n’agyapade a Yehowa de bɛma wɔn no.)
12 Bere bi na Horifo+ nso te Seir, na Esau+ mma no tuu wɔn tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asase no tenaa so,+ sɛnea Israel nso bɛfa asase a ɛyɛ n’agyapade a Yehowa de bɛma wɔn no.)