Genesis 38:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Afei bɛyɛ asram abiɛsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’ase Tamar adan aguaman+ na ɛnam so ma wanyinsɛn.”+ Ɛnna Yuda kae sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhyew no.”+ Leviticus 20:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 “‘Sɛ ɔbarima fa ɔbea ne ne maame nyinaa a, ɛyɛ ahohwibra.+ Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔne wɔn nyinaa wɔ ogya mu+ na ahohwibra+ antena mo mu. Leviticus 21:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 “‘Sɛ ɔsɔfo babea dan aguaman de gu ne ho fĩ a, wagu ne papa ho fĩ. Wɔnhyew ɔbea no wɔ ogya mu.+ Yosua 7:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na nea obeyi no sɛ ɔno na abusude no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa ogya nhyew ɔne nea ɔwɔ nyinaa,+ efisɛ wabu Yehowa apam so+ ayɛ aniwude wɔ Israel.”’”+
24 Afei bɛyɛ asram abiɛsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’ase Tamar adan aguaman+ na ɛnam so ma wanyinsɛn.”+ Ɛnna Yuda kae sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhyew no.”+
14 “‘Sɛ ɔbarima fa ɔbea ne ne maame nyinaa a, ɛyɛ ahohwibra.+ Ɛsɛ sɛ wɔhyew ɔne wɔn nyinaa wɔ ogya mu+ na ahohwibra+ antena mo mu.
15 Na nea obeyi no sɛ ɔno na abusude no wɔ ne nkyɛn no, wɔmfa ogya nhyew ɔne nea ɔwɔ nyinaa,+ efisɛ wabu Yehowa apam so+ ayɛ aniwude wɔ Israel.”’”+