Atemmufo 19:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Na obiara a ohui no kae sɛ: “Efi bere a Israelfo fi Egypt bae yi, biribi a ɛte sɛɛ nsii da na yenhuu bi saa da. Munnwen ho, momfa ho adwene+ na monka ho biribi.” Mmebusɛm 11:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Sɛ akwankyerɛ pa nni hɔ a, ɔman hwe ase,+ na agyinatufo dodow mu na nkwagye wɔ.+ Mmebusɛm 13:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Onipa ahantan de aperepere na ɛba,+ na wɔn a wɔbom tu agyina na nyansa ne wɔn te.+ Mmebusɛm 20:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Agyinatu na ɛma tirimbɔ gyina;+ fa akwankyerɛ pa kɔ wo sa.+ Mmebusɛm 24:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Akwankyerɛ pa na wode bɛkɔ wo sa,+ na agyinatufo dodow mu na nkwagye wɔ.+
30 Na obiara a ohui no kae sɛ: “Efi bere a Israelfo fi Egypt bae yi, biribi a ɛte sɛɛ nsii da na yenhuu bi saa da. Munnwen ho, momfa ho adwene+ na monka ho biribi.”