Yosua 8:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Bere a Ai hene huu saa no, ɔne ne man nyinaa, kurow no mu mmarima, sɔree ntɛm sɛ wɔne Israelfo no rekɔko wɔ sare no so wɔ bere a wɔahyɛ mu. Nanso na onnim sɛ ebinom akɔtɛw kurow no akyi.+ Atemmufo 20:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 Ɛnna Israel mmarima no dan wɔn ho,+ na Benyaminfo no bɔɔ hu,+ efisɛ na wɔahu sɛ asɛm ato wɔn.+ Mmebusɛm 4:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii;+ wonnim nea ɛma wɔkɔ so hintiw.+ Mmebusɛm 28:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Anigye ne onipa a osuro ne ho daa,+ na nea opirim ne koma de, ɔbɛhwe mmusu mu.+ Mmebusɛm 29:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Onipa a wɔtaa kasa kyerɛ no+ a osen ne kɔn no,+ obebu mpofirim, na ɔrennya ayaresa.+
14 Bere a Ai hene huu saa no, ɔne ne man nyinaa, kurow no mu mmarima, sɔree ntɛm sɛ wɔne Israelfo no rekɔko wɔ sare no so wɔ bere a wɔahyɛ mu. Nanso na onnim sɛ ebinom akɔtɛw kurow no akyi.+