Exodus 7:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Na Egypt akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim ne koma,+ na wantie wɔn, sɛnea na Yehowa aka no.+ Nehemia 9:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+ Hiob 9:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔyɛ koma mu nyansafo ne tumi mu ɔhoɔdenfo.+Hena na obetumi atew no so atua na asi no yiye?+ Mmebusɛm 29:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Onipa a wɔtaa kasa kyerɛ no+ a osen ne kɔn no,+ obebu mpofirim, na ɔrennya ayaresa.+ Yesaia 30:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Yehowa asɛm ni: “Mma atuatewfo,+ munnue. Agyinatusɛm a wodi akyi no mfi me,+ na nsã a wogu yɛ apam no, me honhom nni akyi; wɔde bɔne ka bɔne ho.+ Yeremia 16:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de,+ na obiara nantew ne koma bɔne atuatew+ mu, na ontie me.+
22 Na Egypt akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim ne koma,+ na wantie wɔn, sɛnea na Yehowa aka no.+
29 Woka kyerɛɛ wɔn+ sɛ wɔnsan mmra wo mmara+ ho de, nanso wodii ahantansɛm+ na wɔantie w’ahyɛde; na w’atemmusɛm nso,+ wɔyɛɛ ho bɔne,+ ɛno nso na sɛ obi di so a,+ ɔnam so nya nkwa. Wobuu nnua guu wɔn asom+ na wosinsen wɔn kɔn,+ na wɔantie.+
30 Yehowa asɛm ni: “Mma atuatewfo,+ munnue. Agyinatusɛm a wodi akyi no mfi me,+ na nsã a wogu yɛ apam no, me honhom nni akyi; wɔde bɔne ka bɔne ho.+
12 Mo de, mo bɔne a moayɛ no kyɛn mo agyanom de,+ na obiara nantew ne koma bɔne atuatew+ mu, na ontie me.+