6 Ɛnna Yehowa honhom baa no so,+ na ɔwaee aboa no mu abien sɛnea obi wae ɔpapo kumaa mu, nanso na onkura biribiara wɔ ne nsam. Na wammɔ nea ɔyɛe no so ankyerɛ ne papa anaa ne maame.
14 Na bere a oduu Lehi no, Filistifo de osebɔ hyiaa no.+ Na Yehowa honhom+ baa ne so, na ntampehama a wɔde akyekyere n’abasa no yɛe sɛ asaawa a wɔde ogya afa ho,+ enti nhama no tetew fii ne nsa ho.
13 Enti Samuel faa abɛn a ngo+ wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+