Numeri 11:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Na mesian aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ;+ na meyi honhom+ a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn, na wɔbɛboa wo asoa ɔman no nnesoa na wo nkutoo ansoa.+ Atemmufo 3:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yehowa honhom+ baa no so na ɔbɛyɛɛ Israel temmufo. Na bere a ofii adi kɔkoe no, Yehowa de Siria hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa na odii Kusan-Risataim so nkonim.+ 1 Samuel 10:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na Yehowa honhom+ besi wo so, na wo ne wɔn nyinaa bɛkasa sɛ adiyifo,+ na wobɛdan onipa foforo. 2 Samuel 23:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa honhom nam me so kasae,+Na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.+
17 Na mesian aba+ ne wo abɛkasa wɔ hɔ;+ na meyi honhom+ a ɛwɔ wo so no bi ama wɔn, na wɔbɛboa wo asoa ɔman no nnesoa na wo nkutoo ansoa.+
10 Yehowa honhom+ baa no so na ɔbɛyɛɛ Israel temmufo. Na bere a ofii adi kɔkoe no, Yehowa de Siria hene Kusan-Risataim hyɛɛ ne nsa na odii Kusan-Risataim so nkonim.+