Atemmufo 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna Israelfo su frɛɛ Yehowa,+ enti Yehowa maa Israelfo no ogyefo+ bi a obegye wɔn. Ɔno ne Kaleb+ nua kumaa Kenas+ ba Otniel.+ Dwom 50:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Frɛ me ahohia da.+Na megye wo na woahyɛ me anuonyam.”+ Dwom 78:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 Bere biara nso a obekunkum wɔn no, wɔhwehwɛ n’akyi kwan,+Na wɔsan wɔn akyi kɔhwehwɛ Onyankopɔn.+ Dwom 107:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna wosu frɛɛ Yehowa wɔn ahohia mu;+Na ɔsan gyee wɔn fii ahokyere mu bio.+ Yeremia 29:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Mobɛfrɛ me, na mobɛba abɛbɔ me mpae, na metie mo.’+
9 Ɛnna Israelfo su frɛɛ Yehowa,+ enti Yehowa maa Israelfo no ogyefo+ bi a obegye wɔn. Ɔno ne Kaleb+ nua kumaa Kenas+ ba Otniel.+