Asaf+ ayeyi dwom.
50 Onyankopɔn Tweaduampɔn,+ Yehowa+ akasa;+
Ɔfrɛ asase+
Fi apuei kosi atɔe.+
2 Sion, ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ+ mu na Onyankopɔn fi hyerɛn.+
3 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrentumi nyɛ komm.+
Ogya bedi n’anim ahyew ade,+
Na ahum kɛse atwa ne ho ahyia.+
4 Ɔfrɛ ɔsoro ne asase+
Sɛ ɔrebebu ne man atɛn:+
5 “Mommoaboa m’anokwafo ano mma me,+
Wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me ayɛ apam no.”+
6 Ɔsoro ka ne trenee kyerɛ,+
Na Onyankopɔn ne Ɔtemmufo.+ Sela.
7 “Me man, muntie, na merebɛkasa,+
O Israel, tie, na merebedi adanse atia wo.+
Mene Onyankopɔn, wo Nyankopɔn.+
8 Ɛnyɛ mo afɔrebɔ nti na mereka mo anim,+
Na ɛnyɛ mo hyew afɔre a ɛwɔ m’anim daa ntia.+
9 Meremfa nantwinini mfi mo fie,+
Na meremfa mpapo mfi mo nguannan mu.
10 Efisɛ me na kwae mu mmoadoma nyinaa wɔ me,+
Mmepɔw apem so mmoa nyinaa.+
11 Minim mmepɔw so ntakraboa nyinaa,+
Na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me.+
12 Sɛ ɔkɔm de me a, merenka nkyerɛ wo;
Efisɛ asase+ ne emu nneɛma nyinaa yɛ me dea.+
13 Mihia anantwinini akɛse nam anaa?+
Anaa mihia mpapo mogya?+
14 Fa aseda bɔ Onyankopɔn afɔre,+
Na tua wo bɔhyɛ ade ma Ɔsorosoroni no;+
15 Frɛ me ahohia da.+
Na megye wo na woahyɛ me anuonyam.”+
16 Na ɔdebɔneyɛfo de, Onyankopɔn bɛka akyerɛ no sɛ:+
“Hena na ɔmaa wo kwan sɛ ka m’ahyɛde,+
A wode w’ano ka m’apam ho asɛm yi,+
17 Bere a wo koro yi ara wotan nteɛso,+
Na woatow me nsɛm agu w’akyi yi?+
18 Sɛ wuhu ɔkorɔmfo a, ɛyɛ wo fɛ;+
Na wo ne awaresɛefo na ɛbɔ.+
19 Wubue w’ano kɔ bɔne mu,+
Na wode wo tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.+
20 Wotena ase keka wo nua ho nsɛm,+
Na wo maame ba mpo, wudi ne ho nseku.+
21 Woayɛ eyinom nyinaa, na meyɛɛ dinn.+
Ná wususuw sɛ mɛyɛ sɛ wo ara.+
Merebɛka w’anim,+ na mede nea woayɛ asi w’anim.+
22 Mo a mo werɛ afi Onyankopɔn,+ monte eyi ase,
Na mantetew mo mu pasaa a ogyefo biara nni hɔ.+
23 Nea ɔde aseda bɔ afɔre no na ɔbɛhyɛ me anuonyam;+
Na nea ɔnam ɔkwampa so no,
Mɛma wahu Onyankopɔn nkwagye.”+