Deuteronomium 23:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua,+ efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ afi wo hɔ, na ɛbɛdan bɔne ama wo.+ Dwom 15:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ommu onipa huhuni hwee n’ani so,+Na wɔn a wosuro Yehowa de, odi wɔn ni.+Sɛ ɔka ntam na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.+ Dwom 76:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Mo a moatwa Yehowa ho ahyia nyinaa, monhyɛ bɔ na momfa mma mo Nyankopɔn no.+Osuro mu na momfa akyɛde mmra.+ Ɔsɛnkafo 5:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua,+ efisɛ n’ani nnye nkwasea ho.+ Nea woahyɛ ho bɔ no, tua.+ Yona 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Nanso me de, mede me nne beyi wo ayɛ na mabɔ afɔre ama wo.+Ɛbɔ a mahyɛ biara metua.+ Na nkwagye yɛ Yehowa dea.”+ Mateo 5:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu,+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’+
21 “Sɛ wohyɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɔ a,+ ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua,+ efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhwehwɛ afi wo hɔ, na ɛbɛdan bɔne ama wo.+
4 Ommu onipa huhuni hwee n’ani so,+Na wɔn a wosuro Yehowa de, odi wɔn ni.+Sɛ ɔka ntam na etia no mpo a, ɔnsesa n’ano.+
11 Mo a moatwa Yehowa ho ahyia nyinaa, monhyɛ bɔ na momfa mma mo Nyankopɔn no.+Osuro mu na momfa akyɛde mmra.+
4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubetua,+ efisɛ n’ani nnye nkwasea ho.+ Nea woahyɛ ho bɔ no, tua.+
9 Nanso me de, mede me nne beyi wo ayɛ na mabɔ afɔre ama wo.+Ɛbɔ a mahyɛ biara metua.+ Na nkwagye yɛ Yehowa dea.”+
33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu,+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’+