Atemmufo 4:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ den, me ne wo bɛkɔ. Nanso anuonyam a ebefi akwantu no mu aba no renyɛ wo dea, efisɛ ɔbea+ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.” Afei Debora sɔre ne Barak kɔɔ Kedes.+ Atemmufo 5:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔhwee ne nan ntam daa hɔ;Ɔhwee ne nan ntam;Baabi a ɔhwee no, ɛhɔ ara na n’ahoɔden kɔsoe.+
9 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ den, me ne wo bɛkɔ. Nanso anuonyam a ebefi akwantu no mu aba no renyɛ wo dea, efisɛ ɔbea+ na Yehowa de Sisera bɛhyɛ ne nsa.” Afei Debora sɔre ne Barak kɔɔ Kedes.+