13 Bere a Gideon duu hɔ no, ɔtee sɛ ɔbarima bi reka ne dae akyerɛ ne yɔnko. Na ɔkae sɛ: “Mesoo dae bi.+ Na mihui sɛ atoko paanoo kurukuruwa bi redannan ba Midian asoɛe hɔ. Bere a ebeduu ntamadan bi ho no, ɛdan no butuwii,+ na ntamadan no tutu guu hɔ.”