Atemmufo 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho+ aka akyerɛ me sɛ ‘M’ankasa me nsa na egyee me.’+ Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+
2 Na Yehowa ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Nnipa a wɔka wo ho no dɔɔso dodo sɛ mede Midian bɛhyɛ wɔn nsa.+ Anhwɛ a Israel bɛhoahoa ne ho+ aka akyerɛ me sɛ ‘M’ankasa me nsa na egyee me.’+