Mmebusɛm 11:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ahantan aba anaa? Ɛnde animguase bedi akyi;+ na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.+ Mmebusɛm 17:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nea ɔpɛ mmarato no pɛ ntɔkwaw.+ Nea ɔma ne dan ano kɔ soro no hwehwɛ asehwe.+ Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+ Daniel 4:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Na ɔhene kae sɛ:+ “Ɛnyɛ Babilon Kɛse a mede me tumi kɛse akyekye de ayɛ ahenkurow,+ na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?”+ Daniel 5:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Na wo, ne ba* Belsasar,+ wunim eyi nyinaa,+ nanso woammrɛ wo koma ase.+
30 Na ɔhene kae sɛ:+ “Ɛnyɛ Babilon Kɛse a mede me tumi kɛse akyekye de ayɛ ahenkurow,+ na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?”+