Dwom 104:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wode nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye,+Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ,+Ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.+ Mmebusɛm 31:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Momfa mmosã mma wɔn a wɔreyɛ awu,+ ne nsã mma wɔn a wɔn kra abotow.+ Ɔsɛnkafo 2:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Mede me koma hwehwɛɛ mu, de nsã gyee m’ani,+ nso mede nyansa kyerɛɛ me koma kwan,+ sɛ meso nkwaseasɛm mu akosi sɛ mehu adepa a ɛwɔ hɔ ma adesamma, nea wɔyɛ ɔsoro ase wɔn nkwa nna nyinaa mu.+ Ɔsɛnkafo 10:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Aduan ma adwumayɛfo serew, na nsã nso ma asetena yɛ dɛ;+ nso sika na wɔde yɛ biribiara.+
15 Wode nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye,+Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ,+Ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.+
3 Mede me koma hwehwɛɛ mu, de nsã gyee m’ani,+ nso mede nyansa kyerɛɛ me koma kwan,+ sɛ meso nkwaseasɛm mu akosi sɛ mehu adepa a ɛwɔ hɔ ma adesamma, nea wɔyɛ ɔsoro ase wɔn nkwa nna nyinaa mu.+