104 O me kra, hyira Yehowa.+
O Yehowa me Nyankopɔn, woyɛ kɛse paa.+
Nidi ne anuonyam na wufura.+
2 Wufura hann sɛ ntama,+
Na woatrɛw ɔsoro mu sɛ ntamadan.+
3 Wo na wusi wo mpia wɔ nsu so,+
Na wode omununkum yɛ wo teaseɛnam;+
Wo na wonantew mframa ntaban so,+
4 Wo na w’abɔfo nso woyɛ wɔn ahonhom,+
Ne w’asomfo nso ogyaframa.+
5 Wode asase atim ne nnyinaso so;+
Na ɛrenhinhim da biara da,+
6 Wode subun akata ho sɛ ntama.+
Mmepɔw atifi na nsu no gyina.+
7 W’animka nti, eguanee;+
W’aprannaa mmobom nti, ɛde ahopopo guanee;
8 Ɛkɔɔ faako a woasiesie ama no no.
Mmepɔw momaa wɔn ho so,+
Na asasetaw nso siansianee.
9 Wutwaa ɔhye maa nsu no sɛ ɛnntra,+
Na ammɛkata asase so bio.+
10 Wosomaa nsuaniwa ma ɛkɔɔ subon mu;+
Ɛsen kɔɔ mmepɔw mu.
11 Ɛno na ɛma wuram mmoa nyinaa nsu nom;+
Ɛno na sare so mfurum+ de kum wɔn sukɔm.
12 Ɛso na wim nnomaa yɛ wɔn mmerebuw;+
Ɛho nnubaa mu na wofi moma wɔn nne so.+
13 Wo mpia mu na wufi gugu mmepɔw so nsu.+
Wo nnwuma so aba na ɛma asase mee.+
14 Woma sare momono fifi ma mmoa,+
Na afifide pue ma adesamma;+
Ɛma aduan fi asase mu ba,+
15 Wode nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye,+
Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ,+
Ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.+
16 Yehowa nnua amee,
Lebanon nkyeneduru a wadua no,+
17 Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw.+
Asukɔnkɔn nso, ɔpopaw nnua so na ne fie wɔ.+
18 Mmepɔw atenten+ yɛ abotan so mmirekyi tenabea;+
Nkukuban+ nso fie ne abotan mu.
19 Woayɛ ɔsram sɛ ɛnkyerɛ bere;+
Owia nim faako a ɛkɔtɔ.+
20 Woma sum ba, na ade sa;+
Emu na wuram mmoadoma nyinaa di akɔneaba.
21 Agyata bobom pɛ hanam+
Na wɔkɔpɛ wɔn aduan, Onyankopɔn nsam.+
22 Sɛ owia pue+ a, wɔtwe wɔn ho
Na wokobutubutuw wɔn ahintawee.
23 Onipa fi adi kɔ n’adwuma+
Ne ne dwumadi so kosi anwummere.+
24 O Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara!+
Nyansam na woayɛ ne nyinaa.+
Wo nsa ano adwuma ahyɛ asase so mã.+
25 Ɛpo kɛse a ɛtrɛw kakraa yi,+
Mmoa a wɔkekã wɔn ho a enni ano,+
Mmoa a wɔte ase, nketewa ne akɛse nyinaa ayɛ mu mã.+
26 Ɛso na ahyɛn kɔ;+
Lewiatan+ de, woayɛ no sɛ onni agoru wɔ mu.+
27 Wo na wɔn nyinaa hwɛ wo kwan+
Sɛ ma wɔn aduan wɔ ne bere mu.+
28 Nea wode ma wɔn na wɔtase.+
Wubue wo nsam, na wonya nnepa di mee.+
29 Sɛ wode w’anim hintaw a, wɔyɛ basaa;+
Sɛ wuyi wɔn honhom a, wogyaa mu,+
Na wɔsan kɔ wɔn dɔte mu.+
30 Sɛ wosoma wo honhom kɔ a, wode bɔ ade,+
Na woma asase ani yɛ foforo.
31 Yehowa anuonyam bɛtena hɔ afebɔɔ.+
Yehowa bedi ne nnwuma ho ahurusi.+
32 Ɔhwɛ asase a, ɛwosow,+
Na ɔka mmepɔw a, efi wusiw.+
33 Mɛto dwom ama Yehowa me nkwa nna nyinaa;+
Meda so te ase yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.+
34 Ma nea midwinnwen wɔ ne ho nyɛ anigye.+
Me de, medi Yehowa mu ahurusi.+
35 Wɔbɛtɔre abɔnefo ase afi asase so;+
Na nnebɔneyɛfo nso, wɔbɛyera.+
O me kra, hyira Yehowa. Munyi Yah ayɛ!+