Bible a Yesua Wɔ Mmoa Yɛmmea!
BERE bi a atwam no, yɛpaw baabi soronko koraa maa yɛn dapɛn dapɛn Bible adesua—Emmen Mmoa Yɛmmea a ɛbɛn baabi a yɛte wɔ Netherlands no. Ntease pa bi nti na yɛyɛɛ saa, sɛnea ɛnkyɛ wubehu no.
Te sɛ Kristofo mmusua pii a ɛwɔ wiase nyinaa no, yɛyɛ dapɛn dapɛn Bible adesua. Wɔ saa adesua yi mu no, yɛtaa kenkan mmoa a wɔde wɔn yɛ su pa anaa su bɔne ho sɛnkyerɛnne wɔ Bible mu ho nsɛm. Na yɛpɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yebetumi ahu mmoa no yiye a, enti yesii gyinae sɛ abusua no nyinaa bɛbɔ mmɔden ayɛ saa. Wɔde aboa pɔtee bi hyɛɛ abusua no muni biara nsa sɛ ɔnhwehwɛ saa aboa no ho nsɛm mfi nhoma te sɛ Insight on the Scriptures ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ahorow a wɔaka abom ayɛ no nhoma biako mu.
Bere a yɛrebɛn Emmen Mmoa Yɛmmea no kwan ano no, yɛn mma, Mari-Claire, Charissa, ne Pepijn ani gyee, na na wɔn ho pere wɔn. Ná yɛrekɔhwɛ adɛnkyɛm, asisi, ahafurum, ntɛtea, ne ebia mmoa a yɛakenkan wɔn ho asɛm afi Bible mu no foforo nso. Nanso nea edi kan no, ma yɛnka mmoa yɛmmea a ɛda nsow yi ho asɛm nkyerɛ wo.
Enni Ahunaniankansa, Enni Adaban
Noorder Dierenpark, sɛnea wɔfrɛ Emmen Mmoa Yɛmmea wɔ Netherlands kasa mu no, yɛ mmoa atrae soronko koraa, a wɔayɛ ma ɛne nnɛyi ahwehwɛde ahorow ahyia. Worenhu mmoa wɔ ahunaniankansa anaa adaban akyi. Mmom no, wɔ Emmen no, wɔayɛ biribiara sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa no benya baabi a ɛsɛ wɔn atrae ankasa sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara. Wijbren Landman, atrae hɔ abɔde a nkwa wom ho abenfo no biako de serew kae sɛ: “Obi a ɔbɛhwehwɛ ha mmom na ɔwɔ ban akyi, na ɛnyɛ aboa no.”
“Wɔnhyehyɛɛ mmoa no sɛnea wɔn su te na mmom sɛnea baabi a wofi no te. Ɛno nti na wɔ Afrika sare kakraa a wuhu wɔ ha no, wɔaboaboa mmoa a wɔbom tra wuram no ano wɔ faako sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara no.” Yiw, na yɛn ani tua wɔn—wiase mmoa a wɔware sen biara no, kɔntenten a wɔn sorokɔ tumi du mita 6 no. Na wɔne nwansan, adowa, ahafurum, atorɔm, adabɔ, ne abɛnkoro bi mpo na ɛwɔ hɔ.
Nanso Wijbren da so ara wɔ pii ka kyerɛ yɛn wɔ Emmen sare yi ho: “Mmoa no ho hare wɔn wɔ ha araa ma wɔnte ahokyere nka da. Na yɛama wɔn baabi a wobeguan afa nso. Woahu saa abo akɛse a ɛwɔ hɔ no? Anwansan betumi akohintaw ntam sɛnea ɛbɛyɛ a abɛnkoro ntumi mmɛhaw wɔn. Na saa bepɔw a ɛwɔ hɔ no boa mmoa no ma wɔde wɔn ho sie wɔn ho wɔn ho. Nanso mpɛn pii no, mmoa no adwene ntaa nkɔ afoforo so mpo. Eyi nyɛ nwonwa ankasa, efisɛ wɔabom atra faako wɔ Afrika mfe mpempem pii.”
Ahafurum a Sukɔm De Wɔn
“Hwɛ! Ahafurum!” Charissa ani agye yiye. Ɔyɛɛ ahafurum ho nhwehwɛmu bi a ɛyɛ anigye. “Ahafurum ho nsensanee no ma aboaban a ɔyɛ no sesa koraa ma ne mfɛfo a wɔn ani hu ade yiye mpo ntaa nhu wɔn bere a wɔne wɔn ntam kwan yɛ mita 40 kosi 50 pɛ no. Sɛnea ahafurum tumi hu ade yiye, te ade hua ntɛm ne sɛnea wotumi tu mmirika ahoɔhare so—bɛboro kilomita 60 dɔnhwerew biara mpo—no bɔ ne ho ban wɔ mmoa a wɔkyere afoforo we ho. Sɛnea Dwom 104:11 ka no, ahafurum ‘taa kum wɔn sukɔm.’ Ɛno nti na wɔtaa tra bɛn baabi a ɛne nsu ntam kwan mmoro kilomita 8 no.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛn nso yekum yɛn honhom fam sukɔm daa denam asafo no a yɛbɛbata ho, Bible a yebesua, ne asafo nhyiam horow a yɛbɛkɔ so.”
Yefii Afrika sare no so nantew kɔɔ akekaboa a wɔsõsõ sen biara wɔ asase so no biako, kodiak sisi ho. Saa osisi a ɔsõ sen biara yi tenten tumi du mita 3 na ne mu duru tumi du kilogram 780. Sɛnea ɛbɛyɛ na ɛhɔ a wɔhyɛ no ayɛ sɛ wɔn atrae ankasa sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara no, wɔayɛ no fɛfɛɛfɛ de nsuten ne abotan akɛse aba hɔ. Kodiak sisi no yɛ Siria asisi a wɔn ho dodow a na wɔwɔ Israel wɔ Bible mmere mu no nua panyin. Sɛnea Mari-Claire hui no, asisi nnuan gu ahorow. Wodi nhabamma ne nnua ntini, na afei nso wodi nnuaba, nnuaba a n’aba nketenkete, nnuaba a akyi yɛ den, nkesua, akoekoemmoa, mpataa, nkura, ne nea ɛtete saa, na wɔn ani gye ɛwo ho kɛse. Wɔ tete Israel no, bere a na osisi aduan a ɛne nhabamma ho yɛ na no, na ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ yiye na asisi ankyere wɔn mmoa anwe. Wɔ Dawid mmerantebere mu no, na ɛsɛ sɛ ɔde akokoduru gyina osisi bi ntua ano sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ ne papa nguan ho ban.—1 Samuel 17:34-37.
‘Owusiw Fi Ne Hwene Tokuru Mu
Nanso na mmoa foforo pii wɔ hɔ a yɛpɛ sɛ yehu wɔn ɔkwan biara so. Bere bi a atwam no, yehyiaa “Lewiatan,” ɔdɛnkyɛm wɔ yɛn Bible adesua mu. Mfiase no, Pepijn kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛyɛ ‘nsunam bi, nanso ɔsõ paa!’ Esiane sɛ adɛnkyɛm ntumi wim tebea a ɛsakrasakra koraa nti, wɔde wɔn ato Afrika Fie hɔ, faako a wɔma ɛhɔ yɛ hyew bere nyinaa. Bere a yewuraa hɔ no, ɔhyew ne huhurow hyiaa yɛn, na ɛmaa yɛn ahwehwɛniwa anim fɔwee. Ɛno akyi no, na esum no nkokwawee yɛn. Bere a yɛkɔfaa dua twene bi a ɛsensɛn hɔ so no, mpofirim ara na yehuu adɛnkyɛm akɛse bi a wɔayɛ krado deda atɛkyɛ a ɛwɔ twene no nkyɛnkyɛn no mu. Na wɔdeda hɔ a wɔnkeka wɔn ho araa ma ɛkaa Pepijn ma ɔkae sɛ: “Wɔnyɛ mmoa paa ara.”
Adɛnkyɛm ka mmoa a wɔwea fam a wɔntɔree wɔn ase a wɔsõsõ sen biara no ho. Ebi tenten tumi du mita 6 na wɔn mu duru tumi yɛ kilogram 900. Wɔn apantan mu yɛ den ma ɛyɛ nwonwa—ɔdɛnkyɛm ketewa a ne mu duru yɛ kilogram 50 mpo tumi twe biribi a emu duru yɛ kilogram 700. Sɛ ɔdɛnkyɛm dɔ asukɔ kakra na sɛ akyiri yi opue a, ahome a ogu no ntɛmntɛm no betumi apuw mframa a sɛ anɔpa awia tɔ so a, ebetumi ayɛ ‘hann a ɛhyerɛn’ ne ‘owusiw a efi ne hwene tokuru mu’ a Hiob nhoma no ka ho asɛm no.—Hiob 41:1, 18-21.
“Anifere Sɛ Awɔ”
Yefii adɛnkyɛm no nkyɛn ara pɛ na yehuu abɔde bi—anigyesɛm ne sɛ na wɔwɔ ahwehwɛ ban akyi—a Bible de yɛ su pa ne su bɔne nyinaa ho sɛnkyerɛnne no. Yɛreka ɔwɔ, aboa a Bible di kan bɔ ne din no ho asɛm. (Genesis 3:1) Yesu de n’anifere no yɛɛ nhwɛso bere a na ɔretu n’asuafo no fo wɔ esu a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ asɔretiafo a wɔte sɛ mpataku mu ho no. (Mateo 10:16) Nanso, nokwarem no, wɔtaa de ɔwɔ ka “ɔwɔ dedaw no,” Satan Ɔbonsam a wɔka ne ho asɛm wɔ 2 Korintofo 11:3 sɛ ɔdaadaafo a n’ani atew sɛ ɔwɔ no ho asɛm.—Adiyisɛm 12:9.
“Kɔ Ntɛtea Nkyɛn, . . . na Hu Nyansa”
Biribi a worenhwɛ kwan sɛ wubehu wɔ mmoa atrae ne ntɛtea siw kɛse bi a yehui, a ntɛtea a wotwa nhaban akuw abiɛsa te no. Eyinom ne ntɛtea mu aturoyɛfo. Na yetumi hu kuw no wɔ ahwehwɛ ban akyi; eyi ma yetumi hwɛɛ saa abɔde nketewa yi asetra. Yɛn ani gye ntɛtea ho efisɛ wɔde wɔn di dwuma wɔ Bible mu de yɛ nsiyɛ ne nyansa a efi awosu mu ho nhwɛso.—Mmebusɛm 6:6.
Wijbren Landman yɛ akoekoemmoa ho ɔbenfo. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wobu akontaa sɛ ntɛtea ɔpepepem huhaa na wɔyɛ adwumaden wɔ asase ani, a anyɛ yiye koraa no, onipa biara benya ntɛtea 200,000! Ahorow ahorow bɛboro 15,000 a yehu wɔ nsasepɔn nyinaa so, gye asase atifi ne anafo, no mu biara nsɛ. Ɛsono adan a wɔn nyinaa si, na ɛsono aduan a wodi, nanso ɛkame ayɛ sɛ wɔahyehyɛ wɔn nyinaa ɔkwan koro so.”
Mfɔte no yɛ ade a efifi mmire sɛnea nnipa yɛ mmire mfuw no. Sɛnea yehui no, wɔyɛ eyi wɔ asase ase, nanso nea efifi mmire no aduan fi asase so. Da mũ nyinaa, ntɛtea adwumayɛfo de nhaban kɔ wɔn buw mu a adagyew nnim koraa. Wɔforo dua anaa afifide bi na wɔpaw ahaban bi. Afei wɔde wɔn ano a ɛte sɛ akapɛ no twitwa ahaban no nkuruwankuruwa ntɛmntɛm de sisi wɔn atifi te sɛ akatawia, na wɔto santen de eyinom kɔ wɔn buw mu. Eyi ma yɛte nea enti a wɔsan frɛ wɔn akatawia ntɛtea no ase. Wura twitwa no kɔ so ntɛmntɛm araa ma wɔ Amerika Kesee ne Mfinimfini fam no, wotumi porow afifide anaa nnua nyinaa so wɔ nnɔnhwerew kakraa bi mu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛhɔfo ani nnye wɔn ho! Wɔ buw no mu no, adwumayɛfo foforo tɔ wɔn bo ase popa nhaban no ho ansa na wɔawe. Ɛno akyi no, ntɛtea no de wɔn mu nsu ne nsu yerɛyerɛw a efi wɔn bin mu fra sawe no. Edu saa bere no nkutoo a na wobetumi de sawe no ayɛ nea efifi mmire, na ama akuw no nyinaa anya bi bere nyinaa.”
Bere a yɛn ani gyee nyansa ne adwinni ho nimdeɛ a ɛda adi wɔ abɔde a wɔn akuw dodow nni ano no ho no, yefii ntɛtea kurow no mu. Na onwini adwo, na na ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ fie. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yɛanhu. Yɛankɔhwɛ mpatu no (Yesaia 13:21), asukraman no (Exodus 35:23), asusono no (“Behemot,” Hiob 40:15), nsohori no (Yeremia 50:39), anaasɛ mmoa foforo pii a wɔte ha a Bible ka wɔn ho asɛm no. Ɛfata sɛ yesua emu biara ho ade. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛsan akɔ Emmen Mmoa Yɛmmea hɔ!—Wɔkyerɛw mae.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 12]
Sohori: Yotvatah Nature Reserve