Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 4/8 kr. 24-25
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
    Nyan!—1995
  • Asraafo A Wɔretu Aperenten!
    Nyan!—2003
  • Abusuabɔ A Ɛyɛ Fɛ
    Nyan!—1983
  • Nea Enti a Ntɛtea Mmɔ Mpee So
    Wɔbɔe Anaa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 4/8 kr. 24-25

“Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”

ƆHENE Salomo kyerɛwee sɛ, “ɔkwaadwofo kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.” Dɛn na ɔkwaadwofo​—anaasɛ obi foforo biara​—betumi asua afi ntɛtea nkyɛn? Salomo toa so sɛ: “Ɔno na onni otitiriw, ɔpanyin ne sodifo, nanso osiesie n’aduan ahohurubere, na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu.”​—Mmebusɛm 6:6-8.

Akyinnye biara nni ho sɛ ná ɔhene nyansafo no reka ntɛtea a ɔtwe aba kɔhyɛ ne tokuru mu no ho asɛm. Wɔ Israel, te sɛ mmeae horow pii no, wɔtaa hu ntɛtea yi sɛ wafa biribi a ɛne ne kɛse yɛ pɛ. (Hwɛ soro hɔ wɔ benkum so.) Ɔde aduan a waboaboa ano no kɔhyɛ ne tokuru mu wɔ fam.

Esiane sɛ ɛyɛ fam nti, “asan” no betumi afɔw wɔ osutɔbere no mu, na sɛ wanhwɛ aba no yiye a ebefifi anaasɛ ɛbɛsɛe. Enti ntɛtea no wɔ adwuma foforo yɛ. Sɛ awia no ba pɛ a, ntɛtea adwumayɛfo no twe aba no nyinaa pue bɛhata wɔ adiwo. (Hwɛ atifĩ hɔ.) Na ɛsɛ sɛ ntɛtea no twe aba no nyinaa san kɔhyɛ tokuru no mu bio ansa na owia akɔtɔ.

Ntɛtea no bi wɔ hɔ a sɛ wɔsesaw aba no wie a wotumi hu n’aniwa no yiyi anaasɛ sɛ efifi pɛ a na wɔayiyi.

Ɛnyɛ aduan asiesie nkutoo na ɛyɛ ntɛtea adwuma. Wɔn mma a wɔbɛhwɛ wɔn nso da wɔn so. Ɛsɛ sɛ wɔboaboa wɔn nkesua ano akuwakuw. Ɛsɛ sɛ wɔma mma a efi nkesua no mu no aduan. Sɛ wonyin kakra a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn. Ntɛtea no bi wɔ hɔ a wɔyɛ mframa pa a wobenya ho nhyehyɛe mpo. Sɛ awia bɔ pii a wɔde wɔn mma no kɔ wɔn dan no mu wɔ ase tɔnn. Sɛ ade sa na wim yɛ nwini a na wɔayi wɔn aba soro. So ɛnyɛ adwuma pii?

Sɛ wɔn ase retrɛw a, wɔyɛ adan no bi ka ho. Ntɛtea de wɔn ano na etu dɔte no na wɔde atwe afi tokuru no mu. Wɔtaa yɛ eyi bere a osu atɔ na fam yɛ mmerɛw. Wɔde dɔte no yɛ “ntayaa” nso na wɔde ayɛ wɔn nnwuma​—asase ase akã ne ntokuru afasuw ne nsɛmso ahorow.

Ntɛtea yɛ eyinom nyinaa a “onni otitiriw, ɔpanyin ne sodifo.” Na ɔhemmaa no nso ɛ? Ɔmfa ahyɛde biara mma. Nkesua nkutoo na ɔtow na ɔyɛ ɔhemmaa a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔne mmoa no nyinaa nã. (Hwɛ atifi hɔ.) Ɛwom mpo sɛ ntɛtea no nni nea ɔhwɛ wɔn so anaasɛ nea ɔbɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ adwuma de, nanso wɔkɔ so yɛ adwuma a wɔmmrɛ. Wohuu ntɛtea biako bi sɛ ɔyɛ adwuma fi anɔpa nnɔnsia kosi anadwo nnɔndu!

So wubetumi asua biribi afi ntɛtea a wobɛhwɛ no no mu? So woyere wo ho yɛ adwuma, na sɛ wowɔ nea ɔhwɛ wo so anaasɛ sɛ wunni bi a so wobɔ mmɔden sɛ wubenya nkɔanim wɔ w’adwuma mu? (Mmebusɛm 22:29) Sɛ w’adwumawura anhu mpo a, awiei koraa no wubenya akatua. Wubetumi anya ahonim pa na w’ani begye. Sɛnea Salomo ka no no: “Sɛ odwumayɛni didi kakraa anaa pii mpo a, ne nna yɛ no dɛ.”​—Ɔsɛnkafo 5:12, New World Translation.

Ɛnyɛ eyi nko na yebetumi asua afi ntɛtea nkyɛn. Adebɔ mu nkate na ɛma ntɛtea yɛ adwumaden. Nokwarem no, ntɛtea bi tumi di ɔkwan a afoforo afa so akyi. Eyi tumi ma wotwa wɔn ho si araa kosi sɛ wobewu.

Ɛtɔ mmere bi a, so wuhu sɛ woretwa wo ho si a wunni adagyew na wobrɛ nanso mfaso biara nni so? Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ wohwehwɛ wo brɛ adwuma ho atirimpɔw na wuhu wo botae ahorow mu mfaso. Kae Ɔhene Salomo afotu a nyansa wom no: “Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”​—Ɔsɛnkafo 12:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena