Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 29
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
  • Nyan!—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”
    Nyan!—1991
  • Asraafo A Wɔretu Aperenten!
    Nyan!—2003
  • Nea Enti a Ntɛtea Mmɔ Mpee So
    Wɔbɔe Anaa?
  • Abusuabɔ A Ɛyɛ Fɛ
    Nyan!—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 29

“Kɔ Ntɛtea Nkyɛn”

“NTƐTEA A WƆN HO YƐ NWONWA”—saa asɛmti soronko no puee atesɛm krataa bi mu mfe kakraa bi ni wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi a wosii no bere tiaa mu ho. Dɛn na ɛmaa wɔkyerɛw saa asɛm no? Sɛ wohwɛ dan a na wɔresi no mfonini a wofi soro twae a, ɛnyɛ den sɛ wobɛte ase. Atesɛm krataa mu asɛm koro no ara asɛmti ketewa bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa Adansefo ahanum a wɔresi dan—ntɛtea siw nwonwaso bi.”

Mfatoho no fata, ebia ɛsen sɛnea amanneɛbɔfo no hui no mpo. Ɛyɛ nokware sɛ sɛ wugyina sorosoro hwɛ nnipa ɔhaha bi sɛ wɔredi akɔneaba wɔ baabi a wɔresi dan bi a, ɛbɛyɛ te sɛ ntɛtea a wɔwɔ sie bi ho. Nanso wɔ saa asɛm yi mu de, nsɛdi no nyɛ ani so ade kɛkɛ. Dɛn ntia? Yehowa Adansefo fa Bible afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 6:6 a ɛka eyi no aniberesɛm: “Kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.” Ɔkwan bɛn so na obi nam ntɛtea a ɔbɛhwɛ wɔn no so bɛyɛ onyansafo?

Ade biako ne sɛ, ntɛtea yɛ nnwuma pii. Nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm ase Insight on the Scriptures ka sɛ: “Ɛnyɛ awosu mu a wofi siesie wɔn ho ma daakye no nko na ɛda nsow, na mmom gyina a wogyina pintinn a wɔn aba mu mmu no nso, na wɔtaa soa anaa wɔtwe nneɛma a emu yɛ duru sen wɔn ankasa mmɔho abien a wɔmpa abaw, yɛ nea wobetumi biara de yɛ wɔn adwuma pɔtee no a wɔnsan wɔn akyi, ɛwom mpo sɛ ebia wɔbɛhwe ase, wɔbɛwatiriw, anaa wobefi baabi a ɛhɔ sian abɛhwe fam de.”a

Saa ara na ɛmfa ho sɛ Yehowa Adansefo nsoa ɔdan ho nneɛma a emu duru sen wɔn ankasa de mmɔho abien no, wɔtaa ma wɔn afipamfo ho dwiriw wɔn wɔ dodow a wotumi yɛ wɔ wɔn adansi adwuma mu wɔ bere tiaa bi mu no ho. Ɛtaa ba sɛ wɔde nnanu anaa nnansa pɛ ma wɔn Ahenni Asa so si hɔ fi ne nnyinaso kosi n’awiei!

Wɔyɛ dɛn tumi yɛ eyi nyinaa? Denam ntɛtea a wosuasua no wɔ ɔkwan titiriw foforo so. Insight on the Scriptures ka wɔ ntɛtea ho sɛ: “Wɔwɔ biakoyɛ a ɛyɛ nwonwa, na wodi wɔn bɔn mu ni papaapa, dwen wɔn mfɛfo adwumayɛfo ho, ma ɛtɔ da bi a, wɔboa ntɛtea a wɔapirapira anaa wɔabrɛbrɛ no de wɔn san kɔ bɔn no mu.” Ɛkame ayɛ sɛ amanneɛbɔfo a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no ho dwiriw no wɔ biakoyɛ koro no ara a ɛdaa adi wɔ Adansefo no mu no ho, na ɔkaa ho asɛm sɛ “ade kɛse a adwumayɛfo 80 a wɔaben na wonim ɔdansi ho adwuma biara ne nnipa 400 a wotuu wɔn ho ma boaa wɔn de animtew yɛe wɔ tebea a akomatu nnim mu.”

Nanso, adwumaden a Yehowa Adansefo yɛ ne biakoyɛ a wɔde si wɔn Ahenni Asa ahorow no nyinaa yɛ nea ɛkɔ so wɔ asa no mu wɔ mfe a edi ɛno akyi mu no ho nhwɛso ara kwa. Ɛhɔ na wɔkɔ so yɛ adwumaden, na wɔyɛ biako, yɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe, na wɔyɛ nhyiam horow a ɛma denhyɛ ne nimdeɛ. Nea ɛho hia sen saa koraa no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobefi ɔdɔ mu asusuw wɔn yɔnkonom ho sɛnea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo bere a na ɔwɔ asase so no.—Yohane 13:34, 35.

Sɛ woahu Yehowa Adansefo Ahenni Asa bi pɛn ma woasusuw ho sɛ dɛn na wɔyɛ wɔ mu a, yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ w’ankasa bra bɛhwɛ. Yebetumi de ahotoso ama wo awerɛhyem sɛ w’ani begye wo nsrahwɛ no ho na wubenya nimdeɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii.

[Kratafa 29 mfonini]

Ahenni Asa bi a wɔde bere tiaa bi sii wɔ Aurillac, France

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Mfonini a wɔde nsa ayɛ: Pharaoh ntɛtea. Lydekker

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena