Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 11:11
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 11 Nanso asase a morekɔfa yi yɛ mmepɔw+ ne abon asase a ɛnom nyankonsu.

  • Hiob 38:37
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 37 Hena na obetumi de nyansa akan omununkum pɛpɛɛpɛ,

      Na obetumi ahwie ɔsoro nkuruwa mu nsu,+

  • Dwom 147:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  8 Ɔno na ɔde omununkum kata ɔsoro,+

      Na osiesie osu ma asase,+

      Ɔno na ɔma sare momono fifi mmepɔw so.+

  • Yeremia 10:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Sɛ ɔma ne nne so a, nsu bobom wɔ soro,+ na ɔma suwusiw fi asase ano nohoa foro kɔ.+ Wayiyi akwan ama osu,+ na ɔde mframa fi n’asan mu ba.+

  • Amos 9:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 “‘Nea ɔyɛ n’atrapoe wɔ soro+ na ɔde ne dan atim asase atifi,+ nea ɔfrɛ po+ mu nsu hwie gu asase so no+​—Yehowa ne ne din.’+

  • Sakaria 10:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma osu+ ntɔ wɔ osutɔ bere mu.+ Yehowa na ɔyɛ omununkum+ na ɔno na ɔma osu tɔ ma wɔn,+ na wɔn nyinaa nya mfuw mu nnuan.+

  • Mateo 5:45
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma,+ efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.+

  • Asomafo Nnwuma 14:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 nanso nokwarem no, wannyae ne ho adansedi efisɛ ɔyɛɛ papa,+ maa mo osu+ fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ mo koma mã.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena