Dwom 65:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Nsu ayeyɛ n’aka amã, woasiesie n’akofi so;+Wode obosu pii fɔw no; wuhyira n’afifide so.+ Dwom 147:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɔno na ɔde omununkum kata ɔsoro,+Na osiesie osu ma asase,+Ɔno na ɔma sare momono fifi mmepɔw so.+ Yeremia 5:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Wɔanka wɔn komam sɛ: “Afei de, momma yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,+ nea ɔtɔ osu, na ɔma adonsu ne asusow wɔ ne bere mu,+ nea ɔhwɛ otwabere adapɛn a wɔahyɛ so ma yɛn no.”+ Mateo 5:45 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma,+ efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.+
24 Wɔanka wɔn komam sɛ: “Afei de, momma yensuro Yehowa yɛn Nyankopɔn,+ nea ɔtɔ osu, na ɔma adonsu ne asusow wɔ ne bere mu,+ nea ɔhwɛ otwabere adapɛn a wɔahyɛ so ma yɛn no.”+
45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma,+ efisɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.+