Exodus 21:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Nanso sɛ bɔne bi si a, ɛnde ɔkra nsi ɔkra ananmu,+ Leviticus 24:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Sɛ obi di ne yɔnko dɛm a, nea ɔyɛe no, wɔnyɛ ɔno nso bi.+ Deuteronomium 19:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+ 1 Samuel 15:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Nanso Samuel kae sɛ: “Sɛnea wo nkrante+ maa mmea hweree wɔn mma no, saa ara na wo maame+ nso bedi mmasigyaw asen mmea nyinaa.”+ Samuel kaa saa no, otwitwaa Agag asinasin Yehowa anim wɔ Gilgal.+ Romafo 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+ Galatifo 6:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+
21 Nhu obiara mmɔbɔ:+ ɔkra nsi ɔkra ananmu, aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, na ɛnan nsi ɛnan ananmu.+
33 Nanso Samuel kae sɛ: “Sɛnea wo nkrante+ maa mmea hweree wɔn mma no, saa ara na wo maame+ nso bedi mmasigyaw asen mmea nyinaa.”+ Samuel kaa saa no, otwitwaa Agag asinasin Yehowa anim wɔ Gilgal.+
7 Mommma wɔnnnaadaa mo:+ Onyankopɔn nyɛ obi a wosi no atwetwe.+ Na nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa;+