Deuteronomium 12:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 “Monhwɛ na moanyɛ nea yɛreyɛ wɔ ha nnɛ yi bi. Ɛha de, obiara yɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so,+ Deuteronomium 28:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a,+ Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛma wo so asen asase so aman nyinaa.+ Atemmufo 21:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Saa bere no, na ɔhene biara nni Israel.+ Nea ɛteɛ wɔ obiara ani so na ɔyɛe.+ Mmebusɛm 14:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so,+ nanso n’awiei yɛ owu kwan.+ Mmebusɛm 16:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa ho tew wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari nsusuwii.+ Mmebusɛm 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ n’ani so,+ nanso Yehowa na ɔkari koma.+
28 “Sɛ woyɛ aso tie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm na wudi ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a,+ Yehowa wo Nyankopɔn nso bɛma wo so asen asase so aman nyinaa.+