Atemmufo 17:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na ɔsan de dwetɛ no maa ne maame, na ne maame yii nnwetɛbona ahanu maa dwetɛ dwumfo+ bi. Na ɔyɛɛ ohoni a wɔasen+ ne nea wɔagu+ de sii Mika fie. Atemmufo 17:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ná Mika wɔ abosomfie+ bi wɔ hɔ, na ɔyɛɛ asɔfotade+ ne terafim honi,+ na ɔde tumi hyɛɛ ne ba biako nsa+ ma ɔsomee sɛ ne sɔfo.+ Atemmufo 18:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔhwɛɛ+ Lais+ asase no ka kyerɛɛ wɔn nuanom no sɛ: “Munim sɛ asɔfotade ne terafim honi+ ne ohoni a wɔasen+ ne nea wɔagu+ wɔ fie yi mu? Afei monhwɛ nea mobɛyɛ.”+ Atemmufo 18:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na wɔkɔɔ Mika fie kɔfaa honi a wɔasen ne asɔfotade ne terafim honi ne ohoni a wɔagu+ no. Ɛnna ɔsɔfo+ no bisaa wɔn sɛ: “Dɛn na moreyɛ yi?”
4 Na ɔsan de dwetɛ no maa ne maame, na ne maame yii nnwetɛbona ahanu maa dwetɛ dwumfo+ bi. Na ɔyɛɛ ohoni a wɔasen+ ne nea wɔagu+ de sii Mika fie.
5 Ná Mika wɔ abosomfie+ bi wɔ hɔ, na ɔyɛɛ asɔfotade+ ne terafim honi,+ na ɔde tumi hyɛɛ ne ba biako nsa+ ma ɔsomee sɛ ne sɔfo.+
14 Ɛnna mmarima baanum a wɔkɔhwɛɛ+ Lais+ asase no ka kyerɛɛ wɔn nuanom no sɛ: “Munim sɛ asɔfotade ne terafim honi+ ne ohoni a wɔasen+ ne nea wɔagu+ wɔ fie yi mu? Afei monhwɛ nea mobɛyɛ.”+
18 Na wɔkɔɔ Mika fie kɔfaa honi a wɔasen ne asɔfotade ne terafim honi ne ohoni a wɔagu+ no. Ɛnna ɔsɔfo+ no bisaa wɔn sɛ: “Dɛn na moreyɛ yi?”