9 Fa abomu no bobɔ wɔn mu, Aaron ne ne mma no nyinaa, na fa abotiri no nso bobɔ wɔn. Na ɛnyɛ ahyɛde sɛ asɔfodi no bɛtena wɔn fie daa.+ Enti ma Aaron ne ne mma tumi.*+
33 Asɛm yi akyi no, Yeroboam ansan amfi ne kwammɔne ho, na mmom ɔsan de ɔmanfo no biara kɛkɛ yeyɛɛ asɔfo+ maa sorɔnsorɔmmea no. Obiara a n’ani gye ho no, ɔmaa no tumi,+ na ɔkae sɛ: “Ma ɔno nso nyɛ sorɔnsorɔmmea sɔfo.”
9 Ɛnyɛ mo na moapam Yehowa asɔfo,+ Aaron mma no, ne Lewifo no? Munsisii mo so asɔfo sɛnea amanaman no ayɛ no?+ Obiara de nantwi ba biako ne adwennini ason ba a, na moayɛ no ɔsɔfo ama anyame huhuw.+