2 Beresosɛm
13 Ɔhene Yeroboam afe a ɛto so dunwɔtwe mu na Abia bedii Yuda so hene.+ 2 Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Ne maame din de Mikaia*+ a ɔyɛ Gibeani+ Uriel babea. Na ɔko bɛdaa Abia ne Yeroboam ntam.+
3 Abia de asraafodɔm, nnɔmmarima mpem ahanan a wɔahyɛ da apaw wɔn+ kɔɔ ɔko no. Na Yeroboam nso de mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den mpem ahanwɔtwe a wɔahyɛ da apaw wɔn+ kohyiaa no. 4 Ɛnna Abia gyinaa Bepɔw Semaraim a ɛwɔ Efraim+ mmepɔw so no atifi, na ɔkae sɛ: “Yeroboam ne Israel nyinaa, muntie me. 5 Enti munnim sɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn ne Dawid yɛɛ nkyene apam+ sɛ ɔde Israel ahenni bɛma ɔno+ ne ne mma+ de akosi daa? + 6 Nanso Nebat ba Yeroboam,+ Dawid ba Solomon akoa+ no sɔre tiaa+ ne wura.+ 7 Na akwasampafo+ ahuhufo+ boaboaa wɔn ho ano kodii n’akyi. Esiane sɛ na Solomon ba Rehoboam+ yɛ abofra na onni akokoduru+ nti, wɔyɛɛ den sen no, na Rehoboam antumi wɔn.
8 “Na afei mo nso moayɛ mo adwene sɛ mobɛko atia Yehowa ahenni a ɛwɔ Dawid mma nsam+ no, efisɛ modɔɔso,+ na sika nantwi mma a Yeroboam de yɛɛ anyame maa mo no ka mo ho.+ 9 Ɛnyɛ mo na moapam Yehowa asɔfo,+ Aaron mma no, ne Lewifo no? Munsisii mo so asɔfo sɛnea amanaman no ayɛ no?+ Obiara de nantwi ba biako ne adwennini ason ba a, na moayɛ no ɔsɔfo ama anyame huhuw.+ 10 Yɛn de, Yehowa ne yɛn Nyankopɔn,+ na yennyaw no. Aaron mma asɔfo no resom Yehowa, na Lewifo no nso reyɛ wɔn nnwuma.+ 11 Wɔbɔ ɔhyew afɔre ma Yehowa anɔpa anɔpa ne anwummere anwummere,+ na wɔhyew aduhuam.+ Wɔde paanoo gu sika amapa apon so de kyerɛ;+ sika akaneadua+ a wɔsɔ ɛho akanea anwummere anwummere+ no nso wɔ hɔ, efisɛ yedi Yehowa yɛn Nyankopɔn ahyɛde so,+ na mo de, moagyaw no.+ 12 Na hwɛ! Nokware Nyankopɔn no di yɛn anim,+ ɔne n’asɔfo+ ne ɔsa ntorobɛnto+ a wɔbɛbɔ agu mo so no. Enti Israel mma, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko,+ efisɛ ɛrensi mo yiye.”+
13 Nanso Yeroboam maa nkurɔfo faa Yuda akyi kɔtɛw wɔn, enti eyinom wɔ wɔn anim, na atɛwfo no nso wɔ wɔn akyi.+ 14 Bere a Yudafo dan wɔn ani no, wohui sɛ dɔm no wɔ wɔn anim ne wɔn akyi+ nyinaa. Ɛnna wosu frɛɛ Yehowa,+ na asɔfo no nso hyɛn ntorobɛnto no denneennen, 15 na Yuda mmarima teɛteɛɛm denneennen.+ Na ɛbae sɛ bere a Yuda mmarima teɛteɛɛm denneennen no, nokware Nyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel mma no nyinaa gui,+ Abia+ ne Yuda anim. 16 Israel mma guan fii Yuda anim efisɛ nokware Nyankopɔn de wɔn hyɛɛ Yuda nsa.+ 17 Na Abia ne ne nkurɔfo kunkum wɔn okunkɛse; Israelfo mmarima a wɔhyɛɛ da paw wɔn no mu mpem ahanum totɔe. 18 Saa na ɛyɛe na wɔbrɛɛ Israel mma ase saa da no; Yuda mma de, wodii nkonim efisɛ wɔde wɔn ho too Yehowa, wɔn agyanom Nyankopɔn no so.+ 19 Afei Abia de n’ani sii Yeroboam so, na ogyee nkurow yi fii ne nsam: Betel+ ne ɛho nkurow, ne Yesana ne ɛho nkurow, ne Efrain ne ɛho nkurow.+ 20 Yeroboam annya ahoɔden bio+ Abia nna mu. Na Yehowa bɔɔ no+ ma owui.
21 Abia de, onyaa ahoɔden+ ara. Ɔwaree yerenom dunan+ na ɔwoo mmabarima aduonu abien+ ne mmabea dunsia. 22 Abia ho nsɛm a aka, n’akwan ne nsɛm a ɔkae no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ odiyifo Ido kyerɛwtohɔ no mu.+