29 Solomon ho nsɛm a aka,+ ne mfiase kosi n’awiei, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ odiyifo Natan+ ne Siloni+ Ahiya+ nkɔmhyɛ nsɛm mu. Ɛwɔ ɔdehufo Ido+ anisoadehu ho kyerɛwtohɔ nso mu, anisoadehu a ɛfa Nebat+ ba Yeroboam+ ho no.
15 Rehoboam ho nsɛm nyinaa, ne mfiase kosi n’awiei,+ wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ odiyifo Semaia+ ne ɔdehufo Ido+ nsɛm a wɔahyehyɛ no mu. Na akodi bɛdaa Rehoboam+ ne Yeroboam+ ntam wɔn nna nyinaa.